2 Ahene 19:17, 18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O Yehowa, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18 Afei nso, wɔatow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo; ɛno nti na wotumi sɛee wɔn no. 2 Beresosɛm 32:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnto mo brada saa.+ Munnnye no nnni, efisɛ ɔman anaa ahenni biara nni hɔ a ne nyame tumi gyee ne nkurɔfo fii me ne m’agyanom nsam. Mo Nyankopɔn no na obetumi agye mo afi me nsam anaa?’”+ Yesaia 37:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Hena na woabu no animtiaa+ aka abususɛm atia no yi? Hena na woateɛteɛm agu no so+Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi? Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+
17 O Yehowa, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18 Afei nso, wɔatow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo; ɛno nti na wotumi sɛee wɔn no.
15 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnto mo brada saa.+ Munnnye no nnni, efisɛ ɔman anaa ahenni biara nni hɔ a ne nyame tumi gyee ne nkurɔfo fii me ne m’agyanom nsam. Mo Nyankopɔn no na obetumi agye mo afi me nsam anaa?’”+
23 Hena na woabu no animtiaa+ aka abususɛm atia no yi? Hena na woateɛteɛm agu no so+Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi? Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+