36 Nanso nkurɔfo no yɛɛ komm na wɔamma no mmuae biara, efisɛ na ɔhene aka sɛ: “Mummmua no.”+ 37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ofi no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaade mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.