6 Ɔno ara ne mma mpo, ɔhyew wɔn wɔ ogya mu*+ wɔ Hinom Ba Bon no mu,+ na odii nkonyaayi+ ne abosonkɔm akyi; ɔkɔɔ abisa, na ɔpaw akɔmfo ne asumanfo.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fi ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwiegu ahyɛ asaase no so ma,+ na ɔporɔw ahyɛ kurow no ma.+ Nea wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agyaw asaase no hɔ, na Yehowa nhu nea ɛrekɔ so.’+