8 O Efraim, mɛyɛ dɛn apo wo?+
O Israel, mɛyɛ dɛn ayi wo ama?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Adma?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+
Masesa m’adwene,
Na me yam nso hyehye me.+
9 Merenyi m’abufuw adi.
Merensɛe Efraim bio,+
Efisɛ meyɛ Onyankopɔn, menyɛ onipa.
Mene Ɔkronkronni a ɔwɔ wo mu no;
Meremfa anibere mma wo so.