25 Usai ba Palal na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfi*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfo Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa no so.
21 Enti Ɔhene Sedekia kae sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfo Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a efi paanootofo borɔn so daa+ kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu hɔ.