4 Ɛno bɛma Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa som me nokware mu+ a, ɛnde daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+
32 Ɔbɛyɛ onipa titiriw,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no,+33 na obedi Yakob fi so hene afebɔɔ, na n’Ahenni remma awiei da.”+