-
Yeremia 31:35-37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
35 Yehowa a ɔma owia hyerɛn awia,
Nea wahyehyɛ mmara ama ɔsram ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,
Nea ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so,
A ne din de asafo Yehowa no,+
Nea waka ni:
36 “‘Esiane sɛ saa ahyɛde yi bɛyɛ adwuma daa nti,’ Yehowa asɛm ni,
‘Israel asefo nso bɛkɔ so ayɛ ɔman wɔ m’anim daa.’”+
37 Nea Yehowa aka ni: “‘Sɛ obi betumi asusuw ɔsoro, na wahwehwɛ asaase fapem a, ɛnde me nso mɛpo Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ nyinaa nti,’ Yehowa asɛm ni.”+
-