Yesaia 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Efisɛ wɔawo akokoaa ama yɛn,+Wɔama yɛn ɔbabarima;Na ahenni* no bɛda n’abati so.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfo,+ Daa Agya, Asomdwoe Hene. Luka 1:32, 33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ɔbɛyɛ onipa titiriw,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no,+ 33 na obedi Yakob fi so hene afebɔɔ, na n’Ahenni remma awiei da.”+
6 Efisɛ wɔawo akokoaa ama yɛn,+Wɔama yɛn ɔbabarima;Na ahenni* no bɛda n’abati so.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfo,+ Daa Agya, Asomdwoe Hene.
32 Ɔbɛyɛ onipa titiriw,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no,+ 33 na obedi Yakob fi so hene afebɔɔ, na n’Ahenni remma awiei da.”+