1Hilkia a ɔka asɔfo a wɔwɔ Anatot+ ho wɔ Benyamin asaase so no, ne ba Yeremia* nsɛm ni. 2 Yehowa ka kyerɛɛ no wɔ Amon+ ba Yosia+ a na ɔyɛ Yuda hene no bere so, wɔ n’ahenni afe a ɛto so 13 mu.
3 “Efi Amon ba Yosia,+ Yuda hene no ahenni afe a ɛto so 13 so de besi nnɛ da yi, mfe 23 yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mekɔɔ so kasa kyerɛɛ mo mpɛn pii,* nanso moantie.+