Yesaia 55:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+Na onipabɔnefo nsakra n’adwene;Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+ Hesekiel 33:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho;+ nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ O Israel fi, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ muwuwu?”’+ Mika 7:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hena na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,Nea ɔde mfomso kyɛ na oyi n’ani fi n’agyapade a aka no mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuw mu daa,Efisɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ nkurɔfo.+
7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+Na onipabɔnefo nsakra n’adwene;Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho;+ nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ O Israel fi, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ muwuwu?”’+
18 Hena na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,Nea ɔde mfomso kyɛ na oyi n’ani fi n’agyapade a aka no mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuw mu daa,Efisɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ nkurɔfo.+