-
2 Ahene 25:4-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Wobuu kurow no fasu guu mu,+ na asraafo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɔpon a ɛda afasu abien no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa bere no nyinaa, na Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafo no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko sare so, na n’asraafo a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee. 6 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na obuu no atɛn. 7 Wokunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani furae. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+
-
-
Yeremia 52:7-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Ewiee ase no, wobuu kurow no fasu guu mu, na asraafo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɔpon a ɛda afasu abien no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa bere no nyinaa, na Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia.+ 8 Na Kaldea asraafo no de mmirika taa Ɔhene Sedekia,+ na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko sare so, na n’asraafo a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee. 9 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na obuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na okunkum Yuda mpanyimfo no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani furae.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kosii da a owui.
-