23 Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na odii ade mfe 12. Odii ade mfe asia wɔ Tirsa. 24 Otuaa dwetɛ dwetikɛse abien de tɔɔ Samaria bepɔw fii Semer hɔ, na ɔkyekyee kurow wɔ bepɔw no so. Kurow a ɔkyekyee no, ɔde bepɔw no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.+