2 Beresosɛm 24:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yehowa somaa adiyifo baa wɔn hɔ mpɛn pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn* daa, nanso wɔantie.+ Nehemia 9:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+ Sakaria 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nanso wɔantie,+ na wɔyɛɛ asoɔden,*+ na wosisiw wɔn aso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente.+
19 Yehowa somaa adiyifo baa wɔn hɔ mpɛn pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn* daa, nanso wɔantie.+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+