4 Na mpanyimfo no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafo a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe, na mmom mmusu na ɔrepɛ ama ɔman yi.”
6 Enti wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ Awɛmfo Aban mu no mu.+ Wɔde nhama susoo Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsu nni abura no mu; atɛkyɛ nko ara na na ɛwɔ mu, na Yeremia fii ase sɛ ɔremem wɔ atɛkyɛ no mu.