Yeremia 25:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+ Yeremia 25:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Wɔn a wodi hɔ ne Egypt hene Farao ne n’asomfo ne ne mpanyimfo ne ne manfo nyinaa,+ Yeremia 46:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia ni. Ɛfa Babilon hene Nebukadnesar* a ɔbɛba abɛsɛe Egypt asaase no+ ho: Hesekiel 29:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahode na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’ Hesekiel 30:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛse bɛba Etiopia so.Wɔbɛfa Egypt ahode na wɔadwiriw ne fapem agu.+ Hesekiel 30:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ miyi Egypt kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to betwa.+ Omununkum bɛkata no so, na wɔbɛkyere ne nkurow mufo akɔ.+
17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+
13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia ni. Ɛfa Babilon hene Nebukadnesar* a ɔbɛba abɛsɛe Egypt asaase no+ ho:
19 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahode na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’
4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛse bɛba Etiopia so.Wɔbɛfa Egypt ahode na wɔadwiriw ne fapem agu.+
18 Sɛ miyi Egypt kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to betwa.+ Omununkum bɛkata no so, na wɔbɛkyere ne nkurow mufo akɔ.+