-
Yesaia 65:2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Matrɛw me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfo,+
Wɔn a wɔnam ɔkwammɔne so+
A wodi wɔn ankasa adwene akyi;+
-
Yeremia 7:24-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wodii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn koma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa fi da a mo agyanom fii Egypt asaase so bae no de besi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mpɛn pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne sen wɔn agyanom mpo!
-
-
Yeremia 35:15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mpɛn pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfi ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Munnkodi anyame foforo akyi, na monnsom wɔn. Sɛ mutie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me.
-
-
-