-
Yeremia 36:22-24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Ná ɔhene te awɔw bere dan mu, bosome a ɛto so akron* no mu, na na ade a wɔasɔ ogya wɔ mu si n’anim. 23 Sɛ Yehudi kenkan nkrataa abiɛsa anaa anan biara a, na ɔhene no de ɔkyerɛwfo sekan atwitwa baabi a wɔakenkan no agu ade a wɔasɔ ogya wɔ mu no mu. Ɔyɛɛ saa ara kosii sɛ ɔhyew nhoma mmobɔwee no nyinaa wɔ ogya no mu. 24 Wɔansuro, na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a wɔtee nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’ataade mu.
-