13 O Yuda, sɛnea wo nkurow dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛnea Yerusalem mmorɔn dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔremuka bebree ama aniwude* no, afɔremuka a mobɔ afɔre* wɔ so ma Baal no.’+
24 ‘Woyɛɛ koko na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so baabiara. 25 Woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa behu, na wode wo ho* maa obiara a ɔretwam+ de guu w’ahoɔfɛ ho fĩ, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso.+