15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii, efisɛ na ne man ne n’asɔrefi* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so,+ kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.
11 Israelfo nyinaa abu wo Mmara so; wɔaman, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ efisɛ yɛayɛ wo bɔne.