8 Efisɛ Hesbon+ mfuw ahyew,
Sibma+ bobe no,
Aman no atumfo atiatia ne nnubaa a asow bobe pa dɔsɔɔ no so;
Ɛkɔe ara koduu Yaser;+
Ekoduu sare so.
Ne mmãã trɛtrɛwee, na ɛkɔe ara koduu po mu.
9 Eyi nti na mesu Sibma bobe sɛnea misu Yaser no.
Mede me nisu bɛfɔw wo, Hesbon ne Eleale,+
Efisɛ sɛnea wɔteɛteɛm gu w’ahohuru bere mu aba ne wo twabere so no, aba awiei.