Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 48:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Mumfi Babilon!+

      Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn!

      Momfa anigye nka ho asɛm! Momfa nto gua!+

      Momma ennu asaase ano baabiara.+

      Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+

  • Yeremia 51:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Munguan mfi Babilon,

      Na munguan mpere mo nkwa.*+

      Monhwɛ na ne bɔne nti, moanwuwu.

      Efisɛ bere a Yehowa de betua bɔne so ka aso.

      Ɔretua no ka wɔ nea wayɛ ho.+

  • Yeremia 51:45
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 45 Me man, mumfi ne mu!+

      Munguan mpere mo nkwa*+ mfi Yehowa abufuhyew mu!+

  • Sakaria 2:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “Sion, bra! Wo a wo ne Babilon babea te, guan.+

  • 2 Korintofo 6:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 “‘Enti mumfi wɔn mu, na montwe mo ho,’ Yehowa* asɛm ni, ‘na munnyae sɛ mode mo nsa ka nea ɛho ntew no’”;+ “‘na megye mo.’”+

  • Adiyisɛm 18:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase,+ na wabɛyɛ ahonhommɔne tenabea ne baabi a honhom* fĩ biara ne anomaa biara a ne ho ntew na ne ho yɛ abofono tetɛw!+

  • Adiyisɛm 18:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Na metee nne foforo fii soro sɛ: “Mumfi ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena