Yeremia 23:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Nguanhwɛfo a wɔsɛe nguan a wodidi wɔ m’adidibea, na wɔbɔ wɔn hwete no nnue!” Yehowa asɛm ni.+ Yeremia 50:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Me man adan nguan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfo ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔw so; wofi bepɔw so a, na wɔkɔ koko so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea. Hesekiel 34:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti wɔhwetee, efisɛ na oguanhwɛfo biara nni hɔ;+ wɔbɔ hwetee, na wɔdan aduan maa wuram mmoa.
6 Me man adan nguan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfo ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔw so; wofi bepɔw so a, na wɔkɔ koko so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea.