-
Yeremia 18:7-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Bere biara a mɛka sɛ metutu ɔman anaa ahenni bi ase na madwiriw agu asɛe no no,+ 8 sɛ saa ɔman no gyae ne bɔne a mekasa tiae no a, me nso, mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 9 Na bere biara nso a mɛka sɛ mɛkyekye ɔman bi anaa mɛhyehyɛ ahenni bi no, 10 sɛ wɔyɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔantie m’asɛm a, adepa a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no, mɛsesa m’adwene.’*
-
-
Yeremia 24:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Sɛnea borɔdɔma a eye yi te no, saa ara na Yudafo a mituu wɔn fii ha kɔɔ Kaldeafo asaase so no, mebu wɔn sɛ woye. 6 Mede m’ani bedi wɔn akyi ama asi wɔn yiye, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn ngu; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+
-