24 Afei Yehowa maa sɔfe* ne ogya tɔ fii soro; efi Yehowa nkyɛn beguu Sodom ne Gomora so.+25 Enti ɔsɛee nkurow yi ne ɔmantam no nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ nkurow no mu ne asaase no so afifide nyinaa.+
7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia nso yɛe; aguamammɔ* a ɛyɛ tan ne nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ abofono*+ na wokodii akyi, na wɔde daa ogya twee wɔn aso de yɛɛ kɔkɔbɔ maa yɛn.+