-
Yeremia 49:19-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 “Hwɛ! Obi bɛforo abɛtow ahyɛ adidibea a wɔabɔ ho ban no so te sɛ gyata+ a ofi Yordan kwaebirentuw mu, nanso mɛma waguan* afi hɔ ntɛm. Na mɛma nea wɔapaw no no adi no so. Hena na ɔte sɛ me, na hena na ɔne me bedi asi? Oguanhwɛfo bɛn na obetumi agyina m’anim?+ 20 Enti mmarima, muntie pɔw a Yehowa abɔ wɔ Edom ho; na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Temanfo ni:+
Nea ɛte biara, wɔbɛtwe nguan mma no ase akɔ.
Wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea asɛe pasaa.+
21 Wɔahwe ase birim ama asaase awosow.
Wɔreteɛteɛm!
Dede no akodu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+
-