-
Habakuk 2:9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Nea ɔpɛ mfaso bɔne ma ne fifo,
Na ɔyɛ ne berebuw wɔ beae a ɛkorɔn,
Sɛnea ɛbɛyɛ a obegye ne ho afi mmusu mu no, onnue!
-
-
Adiyisɛm 18:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 “Asaase so aguadifo nso resu di ne ho awerɛhow, efisɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ nneɛma a wɔretɔn no bio, 12 nneɛma a wɔtɔn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden abo ne abohene ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sirikyi ne ntama kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ huam ayɛ, ne ade biara a wɔde asonse* ayɛ, ne ade biara a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, ne nea wɔde kɔbere ne dade ne abohemmaa ayɛ;
-