Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 136:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 Ɔtɔɔ ne bo ase bɔɔ* ɔsoro,+

      Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

  • Mmebusɛm 3:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asaase fapem.+

      Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+

  • Yesaia 40:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Obi wɔ hɔ a ne tenabea wɔ soro sen asaase kurukuruwa yi,+

      Na wɔn a wɔte so no te sɛ mmebɛw.

      Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntama nahanaha,

      Na ɔtrɛw mu te sɛ ntamadan a wɔtena mu.+

  • Yeremia 10:12-16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,

      Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+

      Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.+

      13 Sɛ ɔma ne nne so a,

      Nsu bobom wɔ soro,+

      Na ɔma mununkum* fi asaase anoano foro kɔ soro.+

      Ɔyɛ anyinam ka osu ho,*

      Na ɔde mframa fi n’adekora adan mu ba.+

      14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn ade te sɛ nea wonni adwene ne nimdeɛ.

      Ɔtomfo biara ani bewu wɔ ne honi ho,+

      Efisɛ ne dade honi* no yɛ nnaadaa,

      Na honhom* biara nni wɔn mu.+

      15 Wɔyɛ adehunu,* biribi a nkurɔfo hwɛ serew.+

      Sɛ wɔn akontaabu da ba a, wɔbɛsɛe.

      16 Yakob Kyɛfa de, ɔnte sɛ eyinom,

      Efisɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,

      Na Israel yɛ n’agyapade poma.+

      Asafo Yehowa ne ne din.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena