Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 28:53-57
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 53 Ɛba saa a, esiane sɛ worennya wo ho atwaye na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, w’ankasa mma* mmarima ne wo mma mmea a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wobɛwe wɔn.+

      54 “Ɔbarima a ne ho dwo na odwen nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na esiane ahokyere ne nhyɛso a wo tamfo de bɛba wo nkurow no so nti, n’ano aduan bɛbɔ no+ ama wawe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56 Na ɔbea a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea mmɔbɔ; 57 awo akyi ade a afi ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.

  • 2 Ahene 25:3-7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Bosome a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, ɔkɔm no mu yɛɛ den+ wɔ kurow no mu, na na aduan biara nni hɔ mma asaase no sofo.+ 4 Wobuu kurow no fasu guu mu,+ na asraafo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɔpon a ɛda afasu abien no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa bere no nyinaa, na Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafo no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko sare so, na n’asraafo a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee. 6 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na obuu no atɛn. 7 Wokunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani furae. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+

  • Yesaia 3:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Hwɛ! Nokware Awurade asafo Yehowa

      Beyi ade biara a ɛboa Yerusalem ne Yuda no afi hɔ:

      Aduan ne nsu nyinaa,+

  • Hesekiel 4:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛma aduan ho ayɛ den* wɔ Yerusalem,+ na wɔde ahoyeraw kɛse bedi aduan a wɔakari ama wɔn,+ na wɔde ehu anom nsu a wɔasusuw ama wɔn no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena