-
2 Ahene 25:13-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Na Yehowa fi hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsu,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fi hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde kɔbere no kɔɔ Babilon.+ 14 Na nea wɔde sesaw nsõ, sofi, adumgya, nkuruwa, ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefi hɔ no nyinaa, wɔsesaw ɛno nso kɔe. 15 Nkankyee a wɔde ogya gu mu ne nkankyee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa+ ayɛ ne nea wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfo so panyin no sesaw kɔe. 16 Na adum abien no, Ɛpo no, ne trɔk a wɔde twe nsu a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fi no, kɔbere a wɔde yɛe no dodow nti, wɔantumi ankari.+
-