23 Afei ɔde dade yɛɛ ɔsɛn kɛse a wɔde nsu begu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ efi ano kosi ano yɛ basafa 10. Ɔsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na efi soro besi fam yɛ basafa 5. Hama a ne tenten yɛ basafa 30 na etumi twa ho hyia.+
25 Wɔde sii kɔbere anantwi 12 so;+ anantwi no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔe fam, 3 ani kyerɛ anaafo fam, na 3 ani kyerɛ apuei fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase.