19 Me nsono mu oo! Me nsono mu oo!
Mete yaw kɛse wɔ me komam.
Me koma rebɔ paripari wɔ me mu.
Mintumi nyɛ komm,
Efisɛ mate abɛn nnyigyei,
Ɛyɛ ɔko torobɛnto.+
20 Amanehunu rekɔ, na amanehunu reba; ɛno ara na yɛte,
Efisɛ wɔasɛe asaase no nyinaa.
Mpofirim ara na wɔsɛee me ntamadan,
Prɛko pɛ na wɔsɛee ntama a wɔde ayɛ me ntamadan no.+