-
Numeri 13:26, 27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbae no kyerɛɛ wɔn. 27 Nea wɔka kyerɛɛ Mose ni: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbae no bi ni.+
-
-
Deuteronomium 6:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo du asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkurow akɛse fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee,+ 11 afi a nneɛma pa ahorow nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wutui, ne bobefuw* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na wuduae, na sɛ wudidi mee a,+
-
-
Deuteronomium 8:7-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atare a efi abon ne mmepɔw mu sen wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutu,*+ ngodua, ne ɛwo wɔ so.+ 9 Ɛyɛ asaase a ɔkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a abo a ɛwɔ so no, nnade ayɛ mu ma, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu.
-