15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan ason na wobɛfa so aguan afi wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiriw wɔn.+
9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne abusude ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bebu bɛ, na wɔahwɛ wɔn aserew, na wɔayɛ nnome.+