15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
21 ‘Ka kyerɛ Israel fi sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho denneennen no, nea mo ani gye ho a ɛda mo koma so* no, merebegu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmea a mugyaw wɔn akyi no, wɔde sekan bekunkum wɔn.+