31 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+
Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɔko nteaseɛnam mu esiane sɛ ɛdɔɔso nti,
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɔko mu esiane sɛ wɔn ho yɛ den nti.
Nanso Israel Kronkronni no de, wɔmfa wɔn ho nto no so,
Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan.