-
Yeremia 8:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 “Saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “wobeyiyi Yuda ahemfo nnompe ne ne mpanyimfo nnompe ne asɔfo nnompe ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu. 2 Na wɔbɛbaabae mu akyerɛ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsom wɔn, na wodii wɔn akyi, na wɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan, na wɔkotow wɔn no nyinaa.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina* wɔ asaase ani.”+
-