Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 30:1-3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfo a wɔakodi aman foforo so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa mu.+

  • Yeremia 3:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 “Saa bere no, Yuda fi ne Israel fi bɛbɔ anan anantew,+ na wɔn baanu befi atifi asaase so akɔ asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+

  • Yeremia 24:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Mede m’ani bedi wɔn akyi ama asi wɔn yiye, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn ngu; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+

  • Yeremia 30:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Na “hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “mɛboaboa me nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano, Israel ne Yuda,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛsan de wɔn aba asaase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so bio.”’”+

  • Yeremia 32:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afi nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so wɔ m’abufuw ne m’abufuhyew ne anibere kɛse mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+

  • Amos 9:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+

      Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+

      Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+

      Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena