Genesis 6:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na nea osusuw ho wɔ ne komam nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+ Genesis 8:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa tee sɛ afɔre no yɛ huam,* enti Yehowa kae wɔ ne komam sɛ: “Merenhwɛ nea onipa ayɛ ho nnome asaase*+ bio, efisɛ nea onipa susuw wɔ ne komam yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+ Mmebusɛm 28:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Obiara a ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea,+Na nea ɔnantew nyansa mu de, wobegye no.+
5 Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na nea osusuw ho wɔ ne komam nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+
21 Na Yehowa tee sɛ afɔre no yɛ huam,* enti Yehowa kae wɔ ne komam sɛ: “Merenhwɛ nea onipa ayɛ ho nnome asaase*+ bio, efisɛ nea onipa susuw wɔ ne komam yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+