Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Ahene 25:6, 7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na obuu no atɛn. 7 Wokunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani furae. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+

  • Yeremia 37:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fi* hɔ.+ Obisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afi Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+

  • Yeremia 39:5-7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Nanso Kaldeafo asraafo no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko sare so.+ Wɔkyeree no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na obuu no atɛn. 6 Na Babilon hene ma wokunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene ma wokunkum Yuda adehye nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani furae. Owiei no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+

  • Yeremia 52:9-11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Ɛnna wɔkyeree ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na obuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na okunkum Yuda mpanyimfo no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani furae.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kosii da a owui.

  • Hesekiel 17:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Nokware a wanni me nti,+ mɛtrɛw m’atena mu agu no so,+ na m’atena beyi no; mede no bɛkɔ Babilon na mabu no atɛn wɔ hɔ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena