-
2 Ahene 23:29, 30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Ne bere so na Egypt hene Farao Neko baa Asiria hene nkyɛn wɔ Asubɔnten Eufrate ho, na Ɔhene Yosia fii adi sɛ ɔne no de rekosi ani, nanso bere a Neko huu no no, okum no wɔ Megido.+ 30 Enti ne nkoa de n’amu too teaseɛnam mu fi Megido kɔɔ Yerusalem, na wosiee no wɔ ne damoa mu. Ɛnna asaase no sofo faa Yosia ba Yehoahas, na wɔsraa no sii no hene ma odii ne papa ade.+
-