Yeremia 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokware na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+ Hesekiel 13:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo no nnue! Wɔn na wodi wɔn ankasa honhom akyi bere a wonhuu hwee.+ Hesekiel 22:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Nanso n’adiyifo de akado asra wɔn nneyɛe so. Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro,+ na wɔka sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,” bere a Yehowa nkaa hwee.
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokware na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+
3 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo no nnue! Wɔn na wodi wɔn ankasa honhom akyi bere a wonhuu hwee.+
28 Nanso n’adiyifo de akado asra wɔn nneyɛe so. Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro,+ na wɔka sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,” bere a Yehowa nkaa hwee.