Atemmufo 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Enti Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn no, na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.*+ 2 Ahene 21:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Manase+ bedii hene no, na wadi mfe 12, na odii ade mfe 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba. 2 Ahene 21:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubui no,+ ɔsan sisii, na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua*+ sɛnea Israel hene Ahab yɛe no;+ ɔkotow ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+
7 Enti Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn no, na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.*+
3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubui no,+ ɔsan sisii, na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua*+ sɛnea Israel hene Ahab yɛe no;+ ɔkotow ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+