-
2 Ahene 24:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfi mpanyimfo ne asaase no so atitiriw nso, ɔde wɔn nyinaa fii Yerusalem kɔɔ Babilon. 16 Afei nso, Babilon hene de akatakyi no nyinaa, nnipa 7,000, ne adwumfo ne atomfo* 1,000 kɔɔ Babilon; ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka a wɔkɔ ɔko.
-
-
Yeremia 29:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Odiyifo Yeremia krataa no mu nsɛm ni. Ɔsoma ma wɔde fii Yerusalem kɔmaa wɔn a wotuu wɔn ase kɔe no mpanyimfo a aka, ne asɔfo, ne adiyifo, ne ɔmanfo a na Nebukadnesar atu wɔn afi Yerusalem kɔ Babilon no nyinaa. 2 Ɔde krataa no kɔe bere a Ɔhene Yekonia,+ ne ɔhemmaa,*+ ne ahemfi mpanyimfo, ne Yuda ne Yerusalem mpanyimfo, ne adwumfo ne atomfo* no fi Yerusalem kɔe no.+
-