15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii, efisɛ na ne man ne n’asɔrefi* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so,+ kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+
52 Adiyifo no mu hena na mo agyanom antan n’ani?+ Yiw, wɔn a wɔkaa ɔtreneeni a ɔreba no ho asɛm too hɔ no, mo agyanom kunkum wɔn.+ Saa ɔtreneeni no na nnansa yi ara mo nso muyii no mae, na mukum no no,+