-
Yeremia 36:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Bere a Safan ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no nyinaa no, 12 osian kɔɔ ɔhene no fi,* na ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no adidibea hɔ. Ná mpanyimfo* no nyinaa tete hɔ: Ɔkyerɛwfo Elisama+ ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba+ Elnatan+ ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mpanyimfo a aka no nyinaa.
-