48 Yehowa bɛsoma w’atamfo aba wo so, na bere a wunni ataade papa biara hyɛ na biribiara abɔ wo no, wode ɔkɔm+ ne sukɔm bɛsom wɔn.+ Ɔde dade kɔndua bɛhyɛ wo kɔn akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.
19 Na sɛ wobisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn ama eyi nyinaa ato yɛn?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛnea mugyaw me hɔ kɔsom ananafo nyame wɔ mo asaase so no, saa ara na mobɛsom ananafo wɔ asaase a ɛnyɛ mo de so.’”+