2 Enti nea edi kan koraa no, m’afotu ne sɛ momfa nkotosrɛ, mpaebɔ, srɛ a wɔsrɛ ma afoforo, ne aseda nni mma nnipa ahorow nyinaa, 2 ahemfo ne wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de onyamesom pa ne anidahɔ a edi mu abɔ yɛn bra wɔ asomdwoe ne kommyɛ mu.+