-
Deuteronomium 30:1-4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfo a wɔakodi aman foforo so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa mu.+ 4 Sɛ wo nkurɔfo no ahwete akodu ɔsoro akyirikyiri tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa mo ano afi hɔ aba.+
-
-
1 Ahene 8:47, 48Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
47 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so,+ na wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkotow srɛ wo wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so+ na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumɔyɛsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyeree wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woapaw ne ofi a masi ama wo din no bɔ mpae a,+
-