9 Mugye di sɛ mubetumi abɔ korɔn,+ adi awu, asɛe aware, akeka ntam hunu,+ abɔ afɔre* ama Baal,+ akodi anyame a munnim wɔn akyi, 10 na moyɛ akyiwade yi nyinaa wie a, moasan abegyina m’anim wɔ ofi a me din da so yi mu aka sɛ, ‘Wobegye yɛn nkwa’?
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm ni, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokware na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛnea ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+