Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hesekiel 23:4, 5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Ɔpanyin no din de Ohola,* na ne nua no de Oholiba.* Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwoo mma mmarima ne mma mmea. Edin Ohola no gyina hɔ ma Samaria,+ na Oholiba nso gyina hɔ ma Yerusalem.

      5 “Ohola fii m’akyi kɔbɔɔ aguaman.+ Ɔde akɔnnɔ bɔne kodii n’adɔfo,+ Asiriafo+ a na wɔbɛn no no akyi.

  • Hesekiel 23:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Enti mede no hyɛɛ n’adɔfo nsa, Asiriafo+ a ɔde akɔnnɔ bɔne dii wɔn akyi no.

  • Hosea 2:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  2 Mommɔ mo maame sobo; mommɔ no sobo,

      Efisɛ ɔnyɛ me yere,+ na menyɛ ne kunu.

      Onyi n’aguamammɔ* no mfi ne ho,

      Na onyi n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

  • Hosea 9:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Wɔn bɔne nyinaa kɔɔ so wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na metan wɔn.

      Wɔn amumɔyɛ nti, mɛpam wɔn afi me fi.+

      Merennɔ wɔn bio.+

      Wɔn abirɛmpɔn nyinaa aso yɛ den.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena